10 Ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fie da.’+ 11 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛma mmusuo aba wo so, na wo fie na ɛbɛfiri aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani bɛhu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+