10 Afei Saba hemmaa tee sɛdeɛ Yehowa ama Solomon agye din.+ Enti ɔbaa sɛ ɔde nsɛmmisa a ɛkyere adwene rebɛsɔ no ahwɛ.+ 2 Ɔde dɔm kɛseɛ+ ne yoma a wɔsoso balsam ngo+ ne sika kɔkɔɔ pii ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Ɔbaa Solomon nkyɛn, na ɔde biribiara a ɛda n’akoma so too ɔhene anim.