Deuteronomium 10:17, 18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyimu+ na ɔnnye adanmudeɛ.* 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ. Dwom 146:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa na ɔbɔ ɔhɔhoɔ ho ban;Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+Na nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo deɛ, ɔma no yɛ kwa.*+ Hebrifoɔ 13:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa* ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyimu+ na ɔnnye adanmudeɛ.* 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ.
9 Yehowa na ɔbɔ ɔhɔhoɔ ho ban;Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+Na nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo deɛ, ɔma no yɛ kwa.*+