19 Na Nebukadnesar bo fuu Sadrak, Mesak, ne Abednego dendeenden maa n’anim* sesaa koraa. Na ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hye mprɛ nson nkyɛn sɛdeɛ wɔtaa yɛ no no.
28 Ɛnna Nebukadnesar kaa sɛ: “Ayeyie nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfoɔ ama wabɛgye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too ne so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wɔbɛwu* sene sɛ wɔbɛkoto anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+