-
Numeri 11:31-34Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
31 Afei mframa bi bɔ firii Yehowa hɔ, na ɛfirii aseɛ piaa mmoko* firii po so maa wɔbaa asoɛeɛ no ho.+ Ná wɔdɔɔso wɔ asoɛeɛ no ho nyinaa ma wofa benkum oo, wofa nifa oo, gye sɛ wotwa bɛyɛ da koro kwan ansa na woatra wɔn. Wɔtu baa fam paa maa wɔne asaase ntam yɛɛ bɛyɛ basafa* mmienu. 32 Enti saa da no nyinaa ne anadwo no nyinaa, nkurɔfoɔ no anna; wɔboaboaa mmoko no ano. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mu no nyinaa. Deɛ wamfa kɛse koraa no nyaa homar* du. Obiara hataa ne deɛ, na wɔhatahatae de twaa asoɛeɛ no ho nyinaa hyiae. 33 Nanso berɛ a nam no wɔ wɔn anom a wɔnnya nweeɛ no, Yehowa bo fuu nkurɔfoɔ no dendeenden, na Yehowa firii aseɛ kunkum nkurɔfoɔ no pii.+
34 Enti wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee nnipa a wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi no.+
-