27 Wei nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa+ maa wɔn ho hiahiaa wɔn.+ Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ wo, na wo nso wofiri soro hɔ tie wɔn; na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woma wɔn agyefoɔ ma wɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam.+
9 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a na wɔtete wɔn mu no+ anim nti na meyɛɛ saa, ɛfiri sɛ berɛ a meyii wɔn* firii Egypt asaase so no,+ memaa wɔhuu me wɔ aman yi anim.