-
Exodus 10:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asaase no nyinaa so, na wɔbɛsum asaase no so baabiara.+ Wɔsɛee adeɛ papaapa.+ Ná ntutummɛ a ɛte saa mmaa da, na ɛno akyi nso, ebi amma saa bio da. 15 Wɔkataa asaase no so baabiara maa asaase no so yɛɛ tumm; na wɔdii asaase no so nhaban ne nnuaba a asukɔtweaa no gyaeɛ nyinaa. Afei, na ahabammono biara nni dua anaa afuo mu afifideɛ biara so wɔ Egypt asaase nyinaa so.
-