-
Nehemia 9:24, 25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfoɔ a wɔte asaase no so no, womaa wɔdii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofoɔ nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa maa wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ. 25 Wɔdii nkuro a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuo ne ngodua mfuo+ ne nnua pii a ɛso aba. Enti wɔdidi meeɛ, wɔyeyɛɛ akɛseɛ, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wɔnyaa asetena pa.
-