15 Wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no,+ na wɔkɔdii abosonhunu akyi,+ na wɔn nso bɛyɛɛ nnipahunu,+ na aman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa kaa sɛ mma wɔnnyɛ sɛ wɔn no, wɔn na wɔsuasuaa wɔn.+
23 Ɛsiane sɛ mobɔɔ afɔreɛ a ɛte saa, na moyɛɛ Yehowa bɔne, na moantie Yehowa nne, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ so, na moantie ne nkaesɛm nti na mmusuo yi aba mo so, sɛdeɛ mohu no nnɛ yi.”+