17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no,+ seɛ nie:
“Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,
Deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo ma ɛsi wo yie,+
Deɛ ɔkyerɛ wo ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.+
18 Sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+
Anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,+
Na wo tenenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+