2 Ná serafim gyinagyina ne nkyɛn; obiara wɔ ntaban nsia. Obiara de mmienu kata n’anim na ɔde mmienu kata ne nan ho, na wɔn mu biara de mmienu nso tu.
3 Baako ka kyerɛ baako sɛ:
“Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+
N’animuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.”