Hiob 14:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nanso sɛ onipa wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ onipa wu a, ɛhe na ɔwɔ?+ Dwom 78:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Ɛfiri sɛ ɔkaee sɛ wɔyɛ honam;+Wɔte sɛ mframa a ɛbɔ kɔ a, ɛnsan mma bio.* Luka 12:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afiri wo nsam. Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ Yakobo 4:13, 14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ,”+ 14 nanso monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwisie; ɛpue berɛ tiaa bi a na ayera.+
20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afiri wo nsam. Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+
13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ,”+ 14 nanso monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwisie; ɛpue berɛ tiaa bi a na ayera.+