-
Yeremia 12:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+
Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me.
Ɛnneɛ adɛn nti na ɛsi abɔnefoɔ yie?+
Na adɛn nti na nkontompofoɔ ho adwo wɔn?
2 Woadua wɔn ama wɔagye nhini.
Wɔanyini aso aba.
Wɔde wɔn ano bɔ wo din daa, nanso wɔn adwene* deɛ, atwe afiri wo ho koraa.+
Yiyi wɔn gyina nkyɛn mmaako mmaako te sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,
Na hyira wɔn so ma ɛda a wɔbɛku wɔn no.*
-