Dwom 10:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+ Dwom 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔka no n’akomam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi.+ Wayi n’ani ato nkyɛn. Ɔnhu deɛ ɛrekɔ so.”+ Dwom 73:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɛfiri sɛ m’ani beree ahantanfoɔ,*Ɛsiane sɛ, berɛ biara mehu sɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ asomdwoeɛ.+ Dwom 73:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn bɛyɛ dɛn ahunu?+ Enti Ɔsorosoroni no nim biribiara ampa?” Yesaia 29:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wɔn a wɔde wɔn nhyehyɛeɛ* sie Yehowa fee no nnue.+ Wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu,Na wɔka sɛ: “Hwan na ɔhu yɛn? Hwan na ɔnim deɛ yɛreyɛ?”+
4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+
15 Wɔn a wɔde wɔn nhyehyɛeɛ* sie Yehowa fee no nnue.+ Wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu,Na wɔka sɛ: “Hwan na ɔhu yɛn? Hwan na ɔnim deɛ yɛreyɛ?”+