12 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ no reyɛ wɔ sum mu? Obiara hyɛ pia mu, baabi a n’abosom wɔ. Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agya asaase no hɔ.’”+
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwieguo ahyɛ asaase no so ma,+ na porɔeɛ ahyɛ kuro no ma.+ Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agya asaase no hɔ, na Yehowa nhunu deɛ ɛrekɔ so.’+