25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa da! Worenkum ɔteneneeni nka ɔbɔnefoɔ ho mma ɛnwie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ.+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asaase nyinaa Temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+
31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asaase atɛn+ wɔ tenenee mu. Na wanyane saa ɔbarima no afiri awufoɔ mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.”+