29 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Mede afifideɛ a ɛso aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛso aba nyinaa ama mo. Ɛnyɛ aduane mma mo.+ 30 Afei wuram mmoa nyinaa ne ewiem ntuboa nyinaa ne asaase so abɔdeɛ biara a nkwa wom no, mede nhaban mono nyinaa ama wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn aduane.”+ Na ɛyɛɛ saa.