-
Exodus 7:20, 21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Deɛ Yehowa kaa sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛeɛ; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsuo a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsuo nyinaa danee mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ asubɔnten no mu wuwuiɛ,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfoɔ no antumi annom Nil mu nsuo,+ na mogya baa Egypt asaase so baabiara.
-