-
Exodus 9:23-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne egya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so. 24 Berɛ a asukɔtweaa retɔ no, na egya nso repa yerɛyerɛ. Ná ano yɛ den paa; ɛfiri berɛ a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asaase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asaase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so. Ɛsɛee afifideɛ nyinaa, na ɛbubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asaase a na Israelfoɔ wɔ so no nko ara na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+
-