-
Atemmufoɔ 10:6-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Na Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na wɔfirii aseɛ som Baal ahoni,+ ne Astoret ahoni, ne Aram* anyame, ne Sidon anyame, ne Moab anyame,+ ne Ammonfoɔ anyame,+ ne Filistifoɔ anyame.+ Wɔgyaa Yehowa hɔ, na wɔansom no. 7 Na Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Ammonfoɔ nsa.+ 8 Enti wɔmiaa Israelfoɔ no, na wɔteetee wɔn saa afe no. Mfeɛ 18 na wɔde teetee Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, asaase a na ɛyɛ Amorifoɔ asaase wɔ Gilead no.
-