-
Atemmufoɔ 6:1-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Na Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.+ 2 Na Midianfoɔ teetee Israelfoɔ no.*+ Midianfoɔ nti, Israelfoɔ pɛɛ baabi wɔ mmepɔ mu, abodan mu, ne mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den* de wɔn ho kɔsieeɛ.+ 3 Sɛ Israelfoɔ yɛ afuo a, na Midianfoɔ ne Amalekfoɔ+ ne Apueeɛfoɔ+ abɛto ahyɛ wɔn so. 4 Wɔba a, na wɔkyekyere asoɛeɛ wɔ hɔ to hyɛ wɔn so, na na wɔsɛe wɔn asaase so nnɔbaeɛ nyinaa de kɔduru Gasa. Ná wɔnnya Israelfoɔ biribiara a wɔbɛdi. Afei nso, na wɔnnya odwan anaa nantwie anaa afunumu biara.+ 5 Ná wɔde wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba yuu te sɛ ntutummɛ.+ Ná wɔne wɔn yoma dɔɔso papaapa,+ na na wɔba asaase no so bɛsɛe no.
-