7 M’akoma nhinhim, O Onyankopɔn,+
M’akoma nhinhim.
Mɛto ayeyi dwom ama wo.
8 M’animuonyam, nyane ɛ;
O sankuo, nyane; sankuten, wo nso nyane.
Mɛnyane ahomakye.+
9 O Yehowa, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman mu;+
Mɛto ayeyi dwom ama wo wɔ aman nyinaa mu.+
10 Ɛfiri sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ no so, na ɛkɔduru soro,+
Na wo nokorɛdie kɔduru wiem.
11 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra soro;
Ma w’animuonyam nkata asaase nyinaa so.+