Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 2:8, 9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Bisa me, na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapadeɛ;

      Mede asaase nyinaa bɛma wo ama woadi so.+

       9 Wode dadeɛ poma+ bɛbubu wɔn pasaa,

      Na woayam wɔn sɛ ɔnwemfoɔ anwenneɛ.”+

  • Dwom 45:4, 5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Na kɔdi nkonim w’animuonyam mu;+

      Nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee nti, tena wo pɔnkɔ so na ko,+

      Na wo nsa nifa bɛyɛ* anwanwadwuma.

       5 W’agyan ano yɛ nnam, ɛma aman hwehwe ase wɔ w’anim;+

      Ɛwowɔ ɔhene no atamfo akoma mu.+

  • Mateo 28:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+

  • Adiyisɛm 6:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi nie. Ná deɛ ɔte ne so no kura agyan; na wɔmaa no ahenkyɛ,+ na ɔpue kɔdii nkonim sɛ ɔbɛwie ne nkonimdie koraa.+

  • Adiyisɛm 12:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na ɔbaa no woo ɔbabarima,+ ɔbarima a ɔde dadeɛ poma bɛdi aman nyinaa so.*+ Na wɔhwim ne ba no kɔɔ baabi a Onyankopɔn ne n’ahennwa wɔ.

  • Adiyisɛm 19:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Mehuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi nie. Na deɛ ɔte ne so no, wɔfrɛ no Ɔnokwafoɔ+ a Ɔnni Hwammɔ;+ ɔbu atɛn, na ɔko wɔ tenenee mu.+

  • Adiyisɛm 19:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Ná sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afiri n’anom,+ a ɔde bɛkunkum amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛdi wɔn so.*+ Bio nso, ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuo ne n’abufuhyeɛ amena a wɔkyĩ nsã* wom no so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane