Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 15:7, 8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimuɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ ne so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa deɛ ɔhia biara fɛm no.

  • Dwom 41:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+

      Ɛduru ahohia da a Yehowa bɛgye no.

  • Mmebusɛm 19:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Deɛ ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea,*+

      Na deɛ wayɛ no, Ɔbɛhyɛ no ananmu.*+

  • Luka 6:34, 35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfoɔ, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya?+ Abɔnefoɔ mpo ma abɔnefoɔ bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfoɔ a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, ɛfiri sɛ ɔda ayamyɛ adi kyerɛ bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 20:35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 35 Biribiara mu, mede me nneyɛɛ ama moahu sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden+ de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ no. Na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kaeɛ yi: ‘Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii+ sene ɔgyeɛ.’”

  • Hebrifoɔ 13:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfoɔ akyɛ nneɛma a mowɔ,+ ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yie.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane