8 Ɛnna asaase hinhimiiɛ,na ɛwosoo dendeenden;+
Ɔsoro fapem wosoeɛ,+
Na n’abufuo nti, ɛwosoo biribiri.+
9 Wisie firi ne hwene mu pueeɛ,
Na egya a ɛhye adeɛ firi n’anom baeɛ;+
Nnyasramma firi ne mu dɛreeɛ.
10 Ɔmaa ɔsoro kuntunuiɛ,na ɔsianeeɛ.+
Ná mununkum kusuu wɔ ne nan ase.+
11 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ.+
Na wɔhuu no sɛ ɔte ɔbɔfoɔ ntaban so.+
12 Afei ɔde esum kataa ne so te sɛ apata,+
Ɔde nsuo a amuna tumm ne mununkum kusuu kataa ne ho.
13 Hann a ɛfiri n’anim no, emu na nnyasramma firi dɛreeɛ.
14 Ɛnna Yehowa firi soro boboom;+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+
15 Ɔtotoo n’agyan,+ na ɛbɔɔ wɔn hweteeɛ;
Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+
16 Ɛpo ase daa adi,+
Asaase fapem yii ne ho adi, Yehowa animka
Ne ne hwene mu home nti.+