-
Deuteronomium 17:18-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Sɛ ɔbɛtena n’ahennwa so a, Mmara a ɛwɔ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no nkyɛn no,+ ɔnhwɛ so ntwerɛ bi wɔ nwoma* mu.
19 “Ɔmfa nto ne ho na ɔnkenkan no ne nkwa nna nyinaa+ na ama no asua sɛ ɔbɛsuro Yehowa ne Nyankopɔn, na wadi Mmara yi mu nsɛm ne ahyɛdeɛ yi nyinaa so.+ 20 Ɔyɛ saa a, ɔremma ne ho so nsene ne nuanom wɔ n’akoma mu, na ɔremmane mfiri ahyɛdeɛ yi ho nkɔ benkum anaa nifa, na ama no atena n’ahennwa no so akyɛ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.
-