16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ kasakyerɛ, nneɛma atenetene, na ɛtene yɛn so ma yɛyɛ deɛ ɛtene,+17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛfata paa a wɔasiesie no yie ama adwuma pa biara.
19 Enti nkɔmhyɛsɛm no, wɔama yɛahu sɛ ɛdi mu paa; na ɛyɛ sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu, kyerɛ sɛ, mo akomam (kɔsi sɛ adeɛ bɛkye ama adekyeeɛ nsoromma+ apue).