-
Adiyisɛm 6:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Berɛ a ɔtee ahyɛnsodeɛ a ɛtɔ so nnum no, mehuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne adanseɛ a wɔdiiɛ nti+ wɔkunkum wɔn no akra*+ wɔ afɔrebukyia no ase.+ 10 Wɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Awurade Tumfoɔ, ɔkronkronni ne ɔnokwafoɔ,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akɔsi da bɛn ansa na woabu wɔn a wɔte asaase so no atɛn na woatua wɔn ka wɔ yɛn mogya ho?”+
-