Dwom 139:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Metu kwan oo, meda oo, w’ani tua;*Wonim m’akwan nyinaa.+ Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,Na ɔhwehwɛ n’akwan nyinaa mu.+ Mmebusɛm 15:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Adamena* ne ɔsɛeɛ amena* mpo Yehowa ani tua,+ Na nnipa akoma mu na ɔrenhu anaa?+ Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.