Dwom 46:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Onyankopɔn ne yɛn dwankɔbea ne yɛn ahoɔden,+Ahohia mu boafoɔ a ɔwɔ hɔ daa.+ Yesaia 41:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛfiri sɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu.Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+ Yeremia 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nanso Yehowa gyinaa m’akyi sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti wɔn a wɔtan m’ani no bɛsunti, na wɔrennyina.+ Wɔn ani bɛwu pɔtɔɔ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na obiara werɛ remfi.+ Hebrifoɔ 13:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa* ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
13 Ɛfiri sɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu.Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+
11 Nanso Yehowa gyinaa m’akyi sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti wɔn a wɔtan m’ani no bɛsunti, na wɔrennyina.+ Wɔn ani bɛwu pɔtɔɔ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na obiara werɛ remfi.+