-
1 Samuel 23:26-28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 Ɛduruu baabi no, na Saul wɔ bepɔ no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔ no fã nohoa. Ná Dawid redwane+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akye wɔn.+ 27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifoɔ abɛto ahyɛ asaase no so!” 28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyiri di,+ na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetemu Botan no.
-
-
2 Samuel 17:21, 22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Berɛ a mmarima no firii hɔ kɔeɛ no, wɔfirii abura no mu, na wɔsiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkɔtwa nsuo no, na afotuo a Ahitofel de ama wɔn nie.”+ 22 Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔreeɛ, na wɔkɔtwaa Yordan no. Adeɛ kyeeɛ no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka.
-