-
Esra 7:27, 28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 Ayeyie nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene akomam sɛ wɔnsiesie Yehowa fie a ɛwɔ Yerusalem no!+ 28 Wayi ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufoɔ,+ ne ɔhene mpanimfoɔ nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, menyaa akokoɔduro,* na meboaboaa Israel atitire ano sɛ wɔne me nkɔ.
-