1 Samuel 30:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Dawid ho yeraa no paa, ɛfiri sɛ na mmarima no rekeka sɛ wɔbɛsi no aboɔ. Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afu. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na ɔnyaa ahoɔden.+ Dwom 62:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 62 Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn* no. Ne hɔ na me nkwagyeɛ fire.+ Yesaia 30:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, Israel Kronkronni no aka nie: “Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mobɛnya nkwa.Na sɛ mode mo ho to me so na mo akoma antu a, mobɛnya ahoɔden.”+ Nanso moampene.+ Kwadwom 3:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɛyɛ sɛ onipa bɛyɛ komm atwɛn*+ Yehowa nkwagyeɛ.+
6 Dawid ho yeraa no paa, ɛfiri sɛ na mmarima no rekeka sɛ wɔbɛsi no aboɔ. Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afu. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na ɔnyaa ahoɔden.+
15 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, Israel Kronkronni no aka nie: “Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mobɛnya nkwa.Na sɛ mode mo ho to me so na mo akoma antu a, mobɛnya ahoɔden.”+ Nanso moampene.+