Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 115:4-8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

      Onipa nsa ano adwuma.+

       5 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

      Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

       6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

      Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa;

       7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔntumi nsɔ adeɛ mu.

      Wɔwɔ nan, nanso wɔntumi nnante;+

      Nnyegyeeɛ biara mfiri wɔn menewa mu mma.+

       8 Obiara a ɔyɛ saa ahoni no, ɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+

      Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+

  • Yesaia 46:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Ebinom hwie sika kɔkɔɔ firi wɔn kotokuo mu;

      Wɔde nsenia* kari dwetɛ.

      Wɔbɔ ɔtomfoɔ paa, na ɔde yɛ onyame.+

      Afei wɔbɔ wɔn mu ase, aane, wɔsom no.*+

  • Asomafoɔ Nnwuma 17:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 “Enti ɛsiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma+ nti, ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene sɛ, Tweaduampɔn no te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ɛboɔ, anaa adwini bi a onipa adi anaa biribi a onipa abɔ ne tirim ayɛ.+

  • 1 Korintofoɔ 10:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɛnneɛ deɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ deɛ wɔde bɔ afɔreɛ ma bosom no yɛ biribi, anaasɛ bosom yɛ biribi anaa?

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane