Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 135:15-18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

      Onipa nsa ano adwuma.+

      16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

      Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

      17 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.

      Wɔwɔ hwene nanso wɔnhome.+

      18 Nnipa a wɔyɛ saa ahoni no, wɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+

      Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+

  • Yesaia 40:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Odwumfoɔ de dadeɛ a wɔanane yɛ ohoni,*

      Ɔtomfoɔ de sika kɔkɔɔ fa ho,+

      Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuadeɛ* toto wɔn kɔn mu.

  • Yesaia 46:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Ebinom hwie sika kɔkɔɔ firi wɔn kotokuo mu;

      Wɔde nsenia* kari dwetɛ.

      Wɔbɔ ɔtomfoɔ paa, na ɔde yɛ onyame.+

      Afei wɔbɔ wɔn mu ase, aane, wɔsom no.*+

  • Yeremia 10:3, 4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  3 Ɛfiri sɛ amanaman no amanneɛ yɛ adehunu.*

      Ɛyɛ dua kɛkɛ a wɔatwa afiri kwaeɛ mu,

      Odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde ne dadeɛ* ayɛ.+

       4 Wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ no fɛfɛɛfɛ,+

      Na wɔde nnadewa ne hamma* bobom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremmuni ntɔ fam.+

  • Yeremia 10:8, 9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ.+

      Akwankyerɛ a ɛfiri dua hɔ yɛ adehunu.*+

       9 Wɔkra dwetɛ ntraantraa firi Tarsis,+ na wɔkra sika kɔkɔɔ firi Ufas;

      Ɛyɛ odwumfoɔ ne ɔtomfoɔ nsa ano adwuma.

      Ntoma bruu ne ntoma afasebire na ɛfirafira wɔn.

      Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.

  • Asomafoɔ Nnwuma 19:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Seesei moahunu na moate sɛ, ɛnyɛ Efeso+ nko ara na saa Paul yi adane nnipadɔm pii adwene ama wɔanya adwene foforɔ. Mmom ɛreyɛ ayɛ sɛ, Asia mantam nyinaa mu nso, wayɛ saa ara. Na ɔka sɛ anyame a wɔde nsa ayɛ no nyɛ anyame.+

  • 1 Korintofoɔ 10:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɛnneɛ deɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ deɛ wɔde bɔ afɔreɛ ma bosom no yɛ biribi, anaasɛ bosom yɛ biribi anaa?

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane