11 O Yehowa, wo na kɛseyɛ+ ne tumi+ ne animuonyam ne hyerɛn ne anidie* wɔ wo;+ na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa yɛ wo dea.+ O Yehowa, wo na ahennie wɔ wo,+ na wo nso na woakyerɛ sɛ wokorɔn sene adeɛ nyinaa.
17 na wɔkaa sɛ: “Yɛda wo ase, Yehowa* Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ, wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ woafa wo tumi kɛseɛ no na woafiri aseɛ redi hene.+