Genesis 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.”+ Na ɛyɛɛ saa. Hiob 38:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Berɛ a mekaa sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseɛakɛseɛ no mmɛso’ no?+ Dwom 136:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɔtrɛɛ asaase mu wɔ nsuo so,+Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa. Yeremia 5:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 ‘Enti monsuro me?’ Yehowa asɛm nie,‘Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ m’anim anaa? Me na mede anwea twaa ɛpo ano hyeɛ,Na mede yɛɛ daa ahyɛdeɛ a ɛrentumi ntra. Sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛrentumi ntwi mfa so;Na sɛ ɛhuru sɛ deɛn mpo a, ɛrentumi ntra.+
9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.”+ Na ɛyɛɛ saa.
22 ‘Enti monsuro me?’ Yehowa asɛm nie,‘Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ m’anim anaa? Me na mede anwea twaa ɛpo ano hyeɛ,Na mede yɛɛ daa ahyɛdeɛ a ɛrentumi ntra. Sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛrentumi ntwi mfa so;Na sɛ ɛhuru sɛ deɛn mpo a, ɛrentumi ntra.+