48 Yehowa yɛ kɛseɛ, na ɔfata ayeyie paa
Wɔ yɛn Nyankopɔn kuro mu, wɔ ne bepɔ kronkron no so.
2 Bepɔ so kuro fɛfɛ, deɛ ɛma asaase sofoɔ nyinaa ani gye,+
Ɛno ne Sion Bepɔ a ɛwɔ atifi fam nohoa,
Ɔhenkɛseɛ no kuro no.+
3 Kuro no abandenden mu no,
Onyankopɔn ada ne ho adi sɛ ɔyɛ dwankɔbea.+