-
Hiob 38:8-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pono mu,+
Berɛ a ɛpue firii yafunu mu,
9 Berɛ a mede mununkum kataa ho,
Na mede esum kabii kyekyeree ho,
10 Berɛ a metoo ɛhyeɛ maa no,
Na mesisii apono ne adeɛ a wɔde brambram akyire maa no,+
11 Berɛ a mekaa sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;
Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseɛakɛseɛ no mmɛso’ no?+
-
-
Mmebusɛm 8:29Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Berɛ a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpo
Sɛ ɛnsɛ sɛ emu nsuo bu ne mmara so,+
Berɛ a ɔtoo asaase fapem no,*
-