2 Ahemfo 6:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na ɔnhunu deɛ ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani; ɔnkɔhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi. Dwom 91:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ+Ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+ Mateo 18:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtia, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfoɔ a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ Hebrifoɔ 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Bio nso, ɔka abɔfoɔ no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfoɔ sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfoɔ+ sɛ ogyaframa.”+ Hebrifoɔ 1:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛnya nkwagyeɛ no. Ɛnte saa?
17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na ɔnhunu deɛ ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani; ɔnkɔhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi.
10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtia, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfoɔ a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+
14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛnya nkwagyeɛ no. Ɛnte saa?