Mmebusɛm 12:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ano a ɛka nokorɛ bɛtim hɔ daa,+Na kɛtrɛma a ɛnka nokorɛ deɛ, ɛrenni gyina.+ Mmebusɛm 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Kɛtrɛma a ɛdwoɔ* yɛ nkwa dua,+Na asɛm a wɔka kyinkyim no deɛ, ɛbu abam.* 1 Petro 2:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Enti monto bɔne ne nnaadaa ne nyaatwom ne aniberɛ ne anoɔyea nyinaa ngu.+