21 Ntɛm ara na Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. 22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama wabɛmuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ ɛfiri sɛ wahunu sɛ medi bem wɔ n’anim; na wo, ɔhene nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”
13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode bɛfiri mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi agyina ano.+