-
1 Samuel 19:4, 5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Enti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, ɛfiri sɛ ɔnyɛɛ wo bɔne, na wayɛ nneɛma pa pii ama wo. 5 Ɔde ne nkwa too ne nsam* kɔkum Filistini no,+ na Yehowa nam so maa Israel nyinaa dii nkonim* kɛseɛ. Wohunuiɛ, na wodii ahurisie. Enti adɛn na ɛsɛ sɛ woka mogya a ɛdi bem gu de yɛ bɔne, na wokum Dawid kwa?”+
-