Deuteronomium 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+ Hiob 41:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Hwan na wadi kan ama me biribi a enti ɛsɛ sɛ metua no ka?+ Deɛ ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa yɛ me dea.+ 1 Korintofoɔ 10:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 ɛfiri sɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+
14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+