9 Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma.+ 2 Mo ho hu nkɔ so nka asaase so mmoa nyinaa, ewiem ntuboa nyinaa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne ɛpo mu mpataa nyinaa, na wɔnsuro mo. Seesei mede wɔn ahyɛ mo nsa.+