Dwom 103:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Sɛdeɛ agya hu ne mma mmɔbɔ no,Saa ara na Yehowa nso hu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+ Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+ Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me, me na mepepa wo mmarato,*+ me din nti.+Na merenkae wo bɔne bio.+ Yesaia 44:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Mɛpepa wo mmarato te sɛ deɛ mununkum akata so,+Na mapepa wo bɔne te sɛ deɛ mununkum tumm akata so. San bra me nkyɛn, na mɛgye wo.+
13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
22 Mɛpepa wo mmarato te sɛ deɛ mununkum akata so,+Na mapepa wo bɔne te sɛ deɛ mununkum tumm akata so. San bra me nkyɛn, na mɛgye wo.+