Yesaia 1:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion,+Na wɔde tenenee agye ne mma a wɔbɛsan aba no. Yesaia 48:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Momfiri Babilon!+ Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn! Momfa anigyeɛ nka ho asɛm! Momfa nto dwa!+ Momma no nnuru asaase ano baabiara.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ Yesaia 59:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Ɔgyefoɔ+ no bɛba Sion,+Ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afiri bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na aka.
20 Momfiri Babilon!+ Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn! Momfa anigyeɛ nka ho asɛm! Momfa nto dwa!+ Momma no nnuru asaase ano baabiara.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+