3 Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hunu so; ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛ obi bɛbɔ ne ti, ɔbɛhyɛ sika kɔkɔɔ agudeɛ,+ anaa ɔbɛhyɛ ntaadeɛ a ne boɔ yɛ den; 4 mmom momma no nnyina nneɛma a ɛnsɛe so, kyerɛ sɛ, akomam nipa a ahinta, honhom a ɛdwoɔ na ɛbrɛ ne ho ase;+ wei na ɛsom bo Onyankopɔn anim.