7 Nanso nneɛma a na mfasoɔ wɔ so ma me no, Kristo nti mabu no sɛ ɛso nni mfasoɔ.+ 8 Asɛm no ara ne sɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so nti, mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu. Ɔno nti na mebu nneɛma nyinaa sɛ adehunu ne nwura dodoɔ na matumi anya Kristo,