-
Genesis 37:9-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Ɛno akyi no, ɔsoo daeɛ foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso daeɛ foforɔ. Saa daeɛ yi deɛ, mehuu sɛ awia ne bosome ne nsoromma 11 rekoto me.”+ 10 Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ: “Daeɛ a woaso yi kyerɛ sɛn? Me ne wo maame ne wo nuanom nyinaa bɛba w’anim abɛkoto wo anaa?” 11 Afei ne nuanom ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.
-